1 Peter 3

Ɔyerenom ne okununom

1Saa ara nso na ɔyerenom nso ɛsɛ sɛ mobrɛ mo ho ase ma mo kununom sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ wɔn mu bi nnye asɛm no nni a, mo suban pa no bɛtwetwe wɔn ama wɔagye asɛm no adi. 2Ɛho nhia sɛ mobɛka biribi, efisɛ, wobehu sɛ obu ne nidi wɔ mo suban mu.

3Mommfa nneɛma foforo bi nnkeka mo ho mma mo ho nnyɛ fɛ; sɛ ɛyɛ ɔkwan a mofa so kyekyere mo ti, anaa adwinni a mode siesie mo ho, anaa ntama a mufura. 4Ahoɔfɛ yɛ komamutew. Ɛno na ɛyɛ ahoɔfɛ a edwo na ɛwɔ honhom a ɛyɛ dinn a ɛsɔ Onyankopɔn ani. 5Saa kwan yi so na mmea gyidifo a wɔtenaa ase tete no a na wɔwɔ anidaso wɔ Onyankopɔn mu no nam brɛɛ wɔn ho ase maa wɔn kununom, de kyerɛɛ wɔn ahoɔfɛ.

6Sara yɛɛ saa ara. Otiee Abraham asɛm frɛɛ no “Me wura.” Sɛ moyɛ papa na munsuro hwee a, mprempren moyɛ ne mmabea.

7Mo okununom nso saa ara na ɛsɛ sɛ mudwen mo yerenom ho wɔ mo asetena mu. Momfa nidi mma wɔn na munhu mmerɛw a wɔyɛ na munhu sɛ wɔne mo yɛ adedifo, na biribi ansiw mo mpaebɔ kwan.

Papayɛ so amanehunu

8Mo nyinaa montena ase asomdwoe mu. Munnya ɔtema mma mo ho mo ho. Monnodɔ mo ho mo ho, na monyɛ ahummɔbɔ, na mommrɛ mo ho ase. 9Mommfa bɔne nntua bɔne so ka, na mommfa ɔyaw nso nntua ɔyaw so ka. Na mmom daa, munhyirahyira, efisɛ, ɛno nti na wɔfrɛɛ mo na moanya nhyira.

10Efisɛ, Kyerɛwsɛm no ka se, “Obiara a ɔpɛ sɛ ɔtena ase yiye na ohu nna pa no, ɛnsɛ sɛ ɔka kasa bɔne, na ɛsɛ sɛ ogyae atorotwa. 11Ɛsɛ sɛ ɔtew ne ho fi bɔne ho na ɔyɛ papa, na otiw asomdwoe akyi na odi akyi. 12Efisɛ, Awurade ani wɔ atreneefo so na otie wɔn mpaebɔ na otia wɔn a wɔyɛ bɔne.”

13Sɛ wopere sɛ wopɛ sɛ woyɛ nea ɛteɛ a, hena na ɔbɛhaw wo? 14Na sɛ ɛba mpo sɛ woyɛ nea ɛteɛ na wuhu ho amane a, wʼani gye. Munnsuro nnipa, na mommma hwee nnhaw mo. 15Momfa nidi mma Kristo wɔ mo koma mu, na monyɛ no mo Awurade. Bere biara a obi bebisa mo gyidi a mowɔ wɔ mo mu ho asɛm no, monkyerɛ no ase. 16Momfa obu ne nidi mma saa mmuae no. Momma mo adwene mu nna hɔ sɛnea ɛba sɛ wɔyeyaw mo a, wɔn a wɔyeyaw mo sɛ moyɛ Kristo akyidifo no anim begu ase wɔ yeyaw a wɔyeyaw mo no ho. 17Efisɛ, sɛ ɛyɛ Onyankopɔn pɛ sɛ mubehu amane a, eye sɛ mubehu ade trenee a moyɛe ho amane sen sɛ mobɛyɛ bɔne.

18Efisɛ, Kristo no ankasa wu maa mo. Owuu pɛn koro maa mo bɔne ne onipa trenee ne onipa bɔne sɛnea ɛbɛma moatumi akɔ Onyankopɔn nkyɛn. Wokum no honam mu, nanso ɔsɔree honhom mu, 19na ne honhom tebea mu no, ɔkɔkaa Asɛmpa no kyerɛɛ ahonhom a wɔda afiase no. 20Eyinom yɛ ahonhom a na wonnye Onyankopɔn nni, enti ɔtɔɔ ne bo ase twɛn bere a na Noa resen ne hyɛn no. Wɔnam nsu no so gyee nnipa baawɔtwe nkwa. 21Eyi kyerɛ yɛn asubɔ ho kwan; na ɛno na egye mo nkwa mpremprem no. Ɛnyɛ honam ani fi hohoro na mmom, ɛyɛ bɔ a Onyankopɔn fi adwene pa mu ahyɛ. Ɛnam Yesu Kristo wusɔre so gye mo nkwa. 22Ɔno na ɔkɔ soro na ɔte Onyankopɔn nifa so na odi abɔfo nyinaa ne soro atumfo ne wɔn tumi so.

Copyright information for TwiNAK